1 Corinthians 14

1Ɔdɔ na ɛsɛ sɛ mohwehwɛ akyi kwan. Momma mo koma nni Honhom no akyɛde akyi, ne titiriw no, Onyankopɔn ho asɛnka.

Kasa foforo

2Onipa a ɔka kasa foforo no nkasa nkyerɛ nnipa na mmom ɔkasa kyerɛ Onyankopɔn, efisɛ, obiara nte asɛm a ɔka no ase. Ɔnam Honhom no tumi so ka nokware mu ahintasɛm. 3Nanso onipa a ɔka Onyankopɔn asɛm no kasa kyerɛ nnipa, boa wɔn, hyɛ wɔn nkuran, kyekye wɔn werɛ. 4Onipa a ɔka kasa foforo no boa ɔno ankasa ne ho nanso onipa a ɔka Onyankopɔn asɛm no boa asafo no nyinaa.

5Ɛwom sɛ mepɛ sɛ mo nyinaa ka kasa foforo de, nanso mepɛ sɛ mo nyinaa nya akyɛde a ɛbɛma mo aka Onyankopɔn asɛm no. Efisɛ, onipa a ɔka Onyankopɔn asɛm no ho hia yiye kyɛn onipa a ɔka kasa foforo no, gye sɛ, onipa foforo wɔ hɔ a ɔbɛkyerɛ ase, ma aboa asafo no nyinaa.

6Enti anuanom, sɛ meba mo nkyɛn na meka kasa foforo a, mfaso bɛn na mobenya wɔ me ho? Morennya hwee gye sɛ meda Onyankopɔn ahintasɛm adi anaa meda osuahu bi adi, anaa meka nsɛm ma ɛkanyan mo, anaa mekyerɛkyerɛ mo. 7Saa ara nso na nneɛma a nkwa nni mu sɛ ebia abɛn anaa sanku a wɔde bɔ nnwom no, sɛ nnwom no nhyehyɛe no bɔ mu anna hɔ a, obiara rente ne dɛ. 8Na sɛ nea ɔbɔ torobɛnto no nso ammɔ no yiye a, hena na obesiesie ne ho akɔ ɔko? 9Saa ara nso na mibisa se, sɛ moka kasa foforo a emu nna hɔ a, ɛbɛyɛ dɛn na obi ate asɛm a moka no ase? Mo nsɛm no bɛyera wɔ mframa mu.

10Kasa ahorow bebree na ɛwɔ wiase, nanso emu biara nni hɔ a ntease nni mu. 11Na sɛ mente kasa a obi ka no ase a, nea ɔreka saa kasa no bɛyɛ ɔhɔho ama me na me a meretie no nso, mayɛ ɔhɔho ama no. 12Esiane sɛ ɛyɛ mo pɛ sɛ munya Honhom no akyɛde boro biribiara so no nti, ɛsɛ sɛ mo nso muso biribiara a ɛboa ma asafo no tim no mu dennen.

13Ɛsɛ sɛ obi a ɔka kasa foforo no bɔ mpae ma saa akyɛde no tumi ma ɔkyerɛ nsɛm a ɔka no ase. 14Sɛ meka kasa foforo bɔ mpae a, me honhom bɔ saa mpae no bi nanso mʼadwene mmoa.

15Dɛn na afei ɛsɛ sɛ meyɛ? Mede me honhom bɛbɔ mpae nanso mede mʼadwene bɛtaa akyiri; mede me honhom bɛto dwom nanso mede mʼadwene bɛto bi. 16Sɛ wonam honhom nko so da Onyankopɔn ase a, ɛbɛyɛ dɛn na obi a ɔka nhyiam no ho no betumi agye wʼaseda mpae no so se “Amen” bi? Ɔkwan biara nni hɔ a ɔbɛfa so ate nea woreka no ase. 17Sɛ ɛba saa a, na wʼaseda mpae a worebɔ Onyankopɔn no ye sɛ dɛn ara mpo a, ɛremmoa onipa a ɔka wo ho no ɔkwan biara so.

18Meda Onyankopɔn ase sɛ mekasa kasa foforo sen mo a mowɔ ha nyinaa. 19Nanso asafo mu som no mɛpɛ sɛ mɛka kasa mmaako mmaako anum pɛ a mobɛte ase na moagyina so atumi akyerɛ afoforo ade sen sɛ mɛka nsɛm mpempem wɔ kasa foforo mu.

20Munnnwen sɛ, mmofra, anuanom; nanso bɔne nti, monyɛ mo ho sɛ mmofra. Nanso munnwen sɛ mmadwemma. 21Kyerɛwsɛm no ka se, “Menam nnipa a wɔka kasa foforo so bɛkasa makyerɛ saa nnipa yi. Awurade na ose. Menam ahɔho anofafa so bɛkasa, ɛwom, wɔrentie me.” 22Kasa foforo no yɛ wɔn a wonni gyidi no nsɛnkyerɛnne ɛnna Onyame asɛnka no nso yɛ gyidifo nsɛnkyerɛnne. 23Sɛ asafo no nyinaa hyia na obiara fiti ase ka kasa foforo na sɛ ahɔho anaa wɔn a wonni gyidi fra mo mu a, munnye nni sɛ wɔbɛka se moabobɔ adam? 24Nanso sɛ mo nyinaa na moka Onyankopɔn asɛm na sɛ obi a onni gyidi anaa onipa foforo bi bɛfra mo mu a, nsɛm a ɔbɛte no bɛma wanu ne ho wɔ ne bɔne ho. Nsɛm a ɔte no bebu no atɛn 25na ne kokoamsɛm bɛda adi na obebu nkotodwe asom Onyankopɔn na waka ne bɔne. Nokware ni, “Onyankopɔn ka yɛn ho wɔ ha.”

Asafo no mu som

26Anuanom, nsɛm a meka yi kyerɛ dɛn? Sɛ muhyia sɛ moresom a, obi to dwom; obi kyerɛkyerɛ; obi da Onyankopɔn ahintasɛm adi; obi ka kasa foforo ɛnna ɔfoforo nso akyerɛkyerɛ ase. Ɛsɛ sɛ biribiara boa asafo no nkɔso. 27Sɛ obi pɛ sɛ ɔka kasa foforo a, aboro so koraa no, ɛsɛ sɛ ɛyɛ nnipa bɛyɛ baanu anaa baasa. Ɔbaako kasa wie a, na ɔfoforo nso akasa, na obi nso akyerɛkyerɛ nsɛm a waka no ase. 28Na sɛ obi nni hɔ a ɔbɛkyerɛ kasa foforo yi ase de a, ɛsɛ sɛ onipa a ɔka saa kasa no yɛ komm wɔ nhyiam no ase na ɔkasa kyerɛ ne ho ne ne Nyankopɔn.

29Nnipa baanu anaa baasa a Onyankopɔn asɛm no wɔ wɔn nkyɛn no na ɛsɛ sɛ wɔkasa na wɔn a aka no nso abu ho atɛn. 30Na sɛ obi a ɔte hɔ nso nya asɛm fi Onyankopɔn nkyɛn a, ɛsɛ sɛ onipa a ɔrekasa no gyae kasa. 31Ɛsɛ sɛ mo nyinaa ka Onyankopɔn asɛm no mmaako mmaako sɛnea mo nyinaa benya osuahu bi ne nkuranhyɛ. 32Onyankopɔn akyɛde no asɛnka no de, ɛsɛ sɛ ɛho dwumadi hyɛ nea ɔreka asɛm no nko ara nsa. 33Efisɛ, Onyankopɔn mfrɛɛ yɛn sɛ yɛmmɛyɛ basabasa na mmom asomdwoepɛfo. Sɛnea ɛte wɔ Onyankopɔn asafo mu no, 34ɛsɛ sɛ mmea a wɔwɔ asafo mu no yɛ komm wɔ asafo no nhyiam ase. Wonni ho kwan sɛ wɔkasa sɛnea Yudafo mmara no ka se ɛnsɛ sɛ wɔhwɛ hwee so no. 35Sɛ wɔrepɛ biribi mu ahu a, wommisa wɔn kununom wɔ fie. Ɔbea kasa wɔ asafo nhyiam ase a, ɛyɛ animguase.

36Anaa mofa no sɛ Onyankopɔn asɛm no fi mo nkyɛn? Anaa mo nko ara mo nkyɛn na efi? 37Sɛ obi fa ne ho sɛ ɔyɛ Onyankopɔn bɔfo anaa ɔwɔ honhom akyɛde no a, ɛsɛ sɛ ɔte ne ho ase sɛ nsɛm a merekyerɛw yi, Awurade na ɔhyɛɛ me sɛ menkyerɛw. 38Enti sɛ ontie eyi a, ɛnne, ntie ɔno nso.

39Enti anuanom, momma mo koma nkɔ Onyankopɔn asɛm no so nanso munnnyae kasa foforo no ka. 40Ɛsɛ sɛ moyɛ biribiara wɔ ne kwan so.

Copyright information for TwiNAK